UPDATE: We have a new YouTube channel. Please CLICK HERE to visit and subscribe to it for video lessons.
Our last lesson under the Common Twi Expressions module equipped us with a number of directional expressions in Twi.
Now let’s try and make some friends. Today’s lesson seeks to give us a number of Twi phrases that we can use to strike up friendly acquaintances with others.
We start.
Twi Vocabulary for Making Friends
| Twi | English |
|---|---|
| adamfoɔ | friend |
| adamfo pa | good friend |
| adamfo bɔne | bad friend |
| Wo ho te sɛn? | How are you |
| Me ho yɛ, na wo nso ɛ? | I’m well, how about you? |
| Me nso me ho yɛ | I’m also well |
Wo din de sɛn? Wɔfrɛ wo sɛn? Wode sɛn? Yɛfrɛ wo sɛn? | What is your name? They call you what? You’re called what? We call you what? |
Me din de Yaw Wɔfrɛ me Yaw Mede Yaw Yɛfrɛ me Yaw | My name is Yaw They call me Yaw I’m called Yaw (We) call me Yaw |
| Me yere nie | This is my wife |
| Me mpena nie | This is my girlfriend/boyfriend |
| Me ba baa nie | This is my daughter |
| Me ba barima nie | This is my son |
| Ne din de Ama/Kofi | His/her name is Ama/Kofi |
Mepa wo kyɛw, wo din no bio? Mepa wo kyɛw, bɔ wo din no bio ma me | Please, your name again? Please, repeat your name for me |
Ɛyɛ me anigyeɛ sɛ yɛahyia M’ani agye sɛ yɛahyia | Happy to meet you Pleased to meet you |
Woyɛ adwuma bɛn? Adwuma bɛn na woyɛ? | What do you do? (work) |
Ɛhe na woyɛ adwuma? Ɛhefa na woyɛ adwuma | Where do you work? |
| Meyɛ adwuma wɔ sikakorabea | I work at the bank |
| Menyɛ adwuma | I don’t work |
| Meyɛ polisini/ɔsraani | I’m a police officer/a soldier |
| Wonim me? | Do you know me? |
| Aane | Yes |
| Dabi | No |
| Ɛkwan bɛn so na monim mo ho? | How do you know each other? |
Yɛyɛ adwuma baako Yɛyɛ adwuma bom | We work at the same place We work together |
| Yɛkɔ sukuu korɔ | We go to the same school |
| Wofiri he? | Where do you come from? Where are you from? |
| Wote he? | Where do you live/stay? |
Wokɔ sukuu wɔ he? Wokɔ sukuu bɛn? | Where do you school? Which school do you attend? |
| Borɔno bɛn na woteɛ? | Which suburb do you stay/live? |
| Mpɔtam bɛn na woteɛ? | In which community do you reside? |
| Mefiri Amɛrika | I’m from America |
| Woyɛ hɔhoɔ wɔ ha? | Are you a stranger here? |
| Mete Tafo | I live/stay at Tafo |
| Mefiri Amɛrika nso mete Tafo | I’m from America but I live at Tafo |
| Ɛdeɛn na ɛde wo baa ha? | What brought you here? |
| Mebɛsuaa adeɛ | I came to study |
| Mebaa sukuu | I came to school |
| Mebɛwareeɛ | I came to marry |
| Mebɛhwehwɛɛ ɔyere/okunu | I came to find a wife/husband |
| Mebɛdii akwamma | I came to spend the holidays |
| Mebaa no atenaseɛ | I came to stay |
| Mebɛpɛɛ adwuma | I came to find a job |
| Wobaeɛ no nna/abosome/mfeɛ dodoɔ sɛn ni? | Since you came, how many days/months/years has it been? |
Mereduru ara ni Mereba ara ni | I just arrived |
Mebɛduruiɛ no nnawɔtwe nie Mebaeɛ no nnawɔtwe nie | It’s been a week since I arrived It’s been a week since I came |
| Mepɛ wo adamfoɔ | I want you as a friend |
| Woyɛ adamfo pa | You are a good friend |
M’ani sɔ w’ayɔnkofa M’ani sɔ yɛn ayɔnkofa | I appreciate your friendship I appreciate our friendship |
W’ani gye ha asetena? W’ani gye ha? | Are you happy with life here? Are you happy here?/Do you like it here? |
| Ɛha ne Amɛrika, ɛhe na wosusu sɛ ɛhɔ yɛ dɛ pa ara? | Between here and America, which place do you think is more fun? |
| Ɛdeɛn pa ara/pɔtee na ɛma w’ani gye Ghana ho? | What at all/exactly makes you like Ghana the most? |
| Mo aduane | Your food |
| Mo amammerɛ | Your culture |
| Mo kasa | Your language |
| Woadi mfeɛ sɛn? | How old are you? |
| Madi mfeɛ aduonu | I’m 20 years old |
| Na wo nso ɛ? | How about you? |
| Me nso madi mfeɛ aduasa | I’m also 30 years old |
| Nti da bɛn ne w’awoda? | So which day is your birthday?/So when is your birthday? |
| Da bɛn na wɔwoo wo? | On which day were you born? |
| Wɔwoo me Yawoada, Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so aduonu-num wɔ afe apem, aha nkron aduowɔtwe nson | I was born on Thursday, June 25, 1987. |
| Wɔwoo wo bosome bɛn mu? | In which month were you born? |
| Ɔpɛpɔn | January |
| Wo ne hwan na ɛteɛ? | Whom do you live with? |
| Me ne me wɔfa/maame/papa/nuabaa/wɔfaase na ɛteɛ | I live with my uncle/mum/dad/sister/niece |
| Me ne m’awofoɔ/m’abusuafoɔ na ɛteɛ | I live with my parents/relatives |
| Me nko ara na meteɛ | I live alone |
Metumi bɛsra wo? Mɛtumi abɛsra wo? | Can I come and visit you? |
Metumi frɛ wo? Mɛtumi afrɛ wo? | Can I call you |
| Wowɔ abɛɛfo kwantenpɔn intanɛt so? | Are you online? |
Edin bɛn na wode wɔ hɔ? Edin bɛn na mɛtumi de ahwehwɛ wo wɔ so? | What is your username there? What name can I search you there with? |
| Wo nuanom yɛ sɛn? | How many are your siblings? |
| Wowɔ nnamfoɔ dodoɔ sɛn? | How many friends do you have? |
Meda wo ase pa ara Meda wo ase pii | Thank you very much Thank you a lot |
Please subscribe, comment, and share.





Responses